Deuteronomy 33 (BOATCB2)

1 Eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo no ansa na ɔrewu: 2 Ose, “AWURADE fi Sinai baeofi Seir baa wɔn so;ɔhran fi Paran bepɔw so.Ɔde akronkronfo pii baefi anafo fam ne mmepɔw nsian so. 3 Nokware ni, wo na wodɔ nnipa no,akronkronfo nyinaa wɔ wo nsam.Wɔn nyinaa kotow wo nan ase,na wonya nkyerɛkyerɛ fi wo hɔ, 4 mmara a Mose de maa yɛn no;Yakob nkurɔfo agyapade. 5 Ɔyɛɛ ɔhene wɔ Yeshurunbere a nnipa no ntuanofo hyiae,wɔne Israel mmusuakuw no. 6 “Ma Ruben nya nkwa na onwu,na mma ne nkurɔfo so nhuan.” 7 Na ɔkaa eyi faa Yuda ho:“Tie, AWURADE, tie Yuda sufrɛ;fa no brɛ ne nkurɔfo.Ɔde nʼankasa nsa bɔ ne ho ban.Ao, yɛ ne boafo tia nʼatamfo!” 8 Asɛm a ɔka faa Lewi abusuakuw ho:“AWURADE, wode ade kronkronama wʼasomfo nokwafo Lewifo.Wosɔɔ wɔn hwɛe wɔ Masawɔne wɔn koe wɔ Meriba asu ho. 9 Lewifo tiee wʼasɛmbɔɔ wʼapam no ho ban.Wodii wo nokwaresen sɛnea wodii wɔn awofo,abusuafo ne wɔn mma nokware. 10 Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfo.Wɔde aduhuam bɛba wʼanimAbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka so. 11 Hyira Lewifo, Ao AWURADEna ma wɔn nsa ano nnwuma nsɔ wʼani.Bubu wɔn atamfo;bɔ wɔn atamfo hwe fam a wɔnsɔre bio.” 12 Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuw ho:“Ma AWURADE dɔ nnye ntin wɔ Benyamin nkurɔfo mu,efisɛ ɔbɔ wɔn ho ban daa nyinaa,na nea AWURADE dɔ no no nhome wɔ ne nwini ase daa.” 13 Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuw ho:“AWURADE mfa ne sorosoro bosu a ɛsom bone bun mu nsu a efi asase ase no,nhyira wɔn nsase. 14 Ɔmfa ne nnepa efi owia mu bane adonne a ebetumi apue afi ɔsram so; 15 ne nnɔbae pa a efi tete mmepɔw mune nea abu so wɔ nkoko a etim hɔ daa mu 16 ne akyɛde a ɛso nni a efi asase ne ne mayɛ mu,ne adom a efi nea na ɔte nwura a ɛhyew mu no.Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef ti so,nea ɔyɛ ne nuanom mu ɔheneba no anintɔn mu. 17 Yosef sɛ nantwinini a ɔyɛ abakan wɔ ahenni mu.Ne ahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn.Ɔde bɛwowɔ aman no,wɔn a wɔwɔ asase ano no mpo.Eyinom ne Efraim mpem du du no;eyinom ne Manase mpempem no.” 18 Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuw ho:“Sebulon asefo, munni anigye wɔ mo adifi mu.Isakar asefo, munni anigye wɔ mo ntamadan mu. 19 Wɔbɛfrɛ nnipa ahorow akɔ bepɔw no sokɔbɔ trenee afɔre wɔ hɔ;wobefi po mu adenya mmoroso mu ato ponafi ademude a ahintaw wɔ nwea mu.” 20 Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuw ho:“Nhyira nka obi a ɔtrɛw Gad mantam mu!Gad te hɔ sɛ gyataa ɔretetew abasa anaa eti. 21 Gad nkurɔfo paw asase pa no maa wɔn ho;ɔkannifo kyɛfa na wɔde maa wɔn.Bere a nkurɔfo no mpanyimfo hyiae no,wɔyɛɛ AWURADE atɛntrenee apɛde no,ne nʼatemmu a ɛfa Israelfo ho no.” 22 Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuw ho:“Dan yɛ gyata ba a,ɔrepue afi Basan.” 23 Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuw ho:“Naftali wɔ adom bebreena AWURADE nhyira ayɛ wo ma;ɔtare no anafo fam bɛyɛ wo kyɛfa.” 24 Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuw ho:“Mma no mu nea wɔahyira no koraa ne Aser;wɔmma ne nuanom mpɛ nʼasɛm,na ɔmfa ngo nguare nʼanan ase. 25 Wʼapon ho nkyerewa nyɛ dade ne kɔbere mfrafrae;wʼahoɔden ne wo nkwanna bɛsae so. 26 “Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Nyankopɔn;a ɔnam ɔsorosoro ne nʼahenni mu mununkumso ba bɛboa wo. 27 Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo guankɔbea;nea ɛwɔ ase no ne abasa a ɛwɔ hɔ daa no.Ɔbɛpam wʼatamfo afi wʼanim;ɔbɛka se, ‘Sɛe wɔn!’ 28 Enti, Israel bɛtena ase dwoodwoo;Yakob benya bammɔwɔ asase a atoko ne nsa foforo wɔ so,faako a ɔsoro bosu gugu. 29 Nhyira nka mo, Israel!Hena na ɔte sɛ mo,nnipa a AWURADE agye mo nkwa.Ɔyɛ mo nkatabo ne boafone mo anuonyam afoa!Mo atamfo bɛkotow mo anim,na moatiatia wɔn sorɔnsorɔmmea.”

In Other Versions

Deuteronomy 33 in the ANGEFD

Deuteronomy 33 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 33 in the AS21

Deuteronomy 33 in the BAGH

Deuteronomy 33 in the BBPNG

Deuteronomy 33 in the BBT1E

Deuteronomy 33 in the BDS

Deuteronomy 33 in the BEV

Deuteronomy 33 in the BHAD

Deuteronomy 33 in the BIB

Deuteronomy 33 in the BLPT

Deuteronomy 33 in the BNT

Deuteronomy 33 in the BNTABOOT

Deuteronomy 33 in the BNTLV

Deuteronomy 33 in the BOATCB

Deuteronomy 33 in the BOBCV

Deuteronomy 33 in the BOCNT

Deuteronomy 33 in the BOECS

Deuteronomy 33 in the BOGWICC

Deuteronomy 33 in the BOHCB

Deuteronomy 33 in the BOHCV

Deuteronomy 33 in the BOHLNT

Deuteronomy 33 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 33 in the BOICB

Deuteronomy 33 in the BOILNTAP

Deuteronomy 33 in the BOITCV

Deuteronomy 33 in the BOKCV

Deuteronomy 33 in the BOKCV2

Deuteronomy 33 in the BOKHWOG

Deuteronomy 33 in the BOKSSV

Deuteronomy 33 in the BOLCB

Deuteronomy 33 in the BOLCB2

Deuteronomy 33 in the BOMCV

Deuteronomy 33 in the BONAV

Deuteronomy 33 in the BONCB

Deuteronomy 33 in the BONLT

Deuteronomy 33 in the BONUT2

Deuteronomy 33 in the BOPLNT

Deuteronomy 33 in the BOSCB

Deuteronomy 33 in the BOSNC

Deuteronomy 33 in the BOTLNT

Deuteronomy 33 in the BOVCB

Deuteronomy 33 in the BOYCB

Deuteronomy 33 in the BPBB

Deuteronomy 33 in the BPH

Deuteronomy 33 in the BSB

Deuteronomy 33 in the CCB

Deuteronomy 33 in the CUV

Deuteronomy 33 in the CUVS

Deuteronomy 33 in the DBT

Deuteronomy 33 in the DGDNT

Deuteronomy 33 in the DHNT

Deuteronomy 33 in the DNT

Deuteronomy 33 in the ELBE

Deuteronomy 33 in the EMTV

Deuteronomy 33 in the ESV

Deuteronomy 33 in the FBV

Deuteronomy 33 in the FEB

Deuteronomy 33 in the GGMNT

Deuteronomy 33 in the GNT

Deuteronomy 33 in the HARY

Deuteronomy 33 in the HNT

Deuteronomy 33 in the IRVA

Deuteronomy 33 in the IRVB

Deuteronomy 33 in the IRVG

Deuteronomy 33 in the IRVH

Deuteronomy 33 in the IRVK

Deuteronomy 33 in the IRVM

Deuteronomy 33 in the IRVM2

Deuteronomy 33 in the IRVO

Deuteronomy 33 in the IRVP

Deuteronomy 33 in the IRVT

Deuteronomy 33 in the IRVT2

Deuteronomy 33 in the IRVU

Deuteronomy 33 in the ISVN

Deuteronomy 33 in the JSNT

Deuteronomy 33 in the KAPI

Deuteronomy 33 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 33 in the KBV

Deuteronomy 33 in the KJV

Deuteronomy 33 in the KNFD

Deuteronomy 33 in the LBA

Deuteronomy 33 in the LBLA

Deuteronomy 33 in the LNT

Deuteronomy 33 in the LSV

Deuteronomy 33 in the MAAL

Deuteronomy 33 in the MBV

Deuteronomy 33 in the MBV2

Deuteronomy 33 in the MHNT

Deuteronomy 33 in the MKNFD

Deuteronomy 33 in the MNG

Deuteronomy 33 in the MNT

Deuteronomy 33 in the MNT2

Deuteronomy 33 in the MRS1T

Deuteronomy 33 in the NAA

Deuteronomy 33 in the NASB

Deuteronomy 33 in the NBLA

Deuteronomy 33 in the NBS

Deuteronomy 33 in the NBVTP

Deuteronomy 33 in the NET2

Deuteronomy 33 in the NIV11

Deuteronomy 33 in the NNT

Deuteronomy 33 in the NNT2

Deuteronomy 33 in the NNT3

Deuteronomy 33 in the PDDPT

Deuteronomy 33 in the PFNT

Deuteronomy 33 in the RMNT

Deuteronomy 33 in the SBIAS

Deuteronomy 33 in the SBIBS

Deuteronomy 33 in the SBIBS2

Deuteronomy 33 in the SBICS

Deuteronomy 33 in the SBIDS

Deuteronomy 33 in the SBIGS

Deuteronomy 33 in the SBIHS

Deuteronomy 33 in the SBIIS

Deuteronomy 33 in the SBIIS2

Deuteronomy 33 in the SBIIS3

Deuteronomy 33 in the SBIKS

Deuteronomy 33 in the SBIKS2

Deuteronomy 33 in the SBIMS

Deuteronomy 33 in the SBIOS

Deuteronomy 33 in the SBIPS

Deuteronomy 33 in the SBISS

Deuteronomy 33 in the SBITS

Deuteronomy 33 in the SBITS2

Deuteronomy 33 in the SBITS3

Deuteronomy 33 in the SBITS4

Deuteronomy 33 in the SBIUS

Deuteronomy 33 in the SBIVS

Deuteronomy 33 in the SBT

Deuteronomy 33 in the SBT1E

Deuteronomy 33 in the SCHL

Deuteronomy 33 in the SNT

Deuteronomy 33 in the SUSU

Deuteronomy 33 in the SUSU2

Deuteronomy 33 in the SYNO

Deuteronomy 33 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 33 in the TBT1E

Deuteronomy 33 in the TBT1E2

Deuteronomy 33 in the TFTIP

Deuteronomy 33 in the TFTU

Deuteronomy 33 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 33 in the THAI

Deuteronomy 33 in the TNFD

Deuteronomy 33 in the TNT

Deuteronomy 33 in the TNTIK

Deuteronomy 33 in the TNTIL

Deuteronomy 33 in the TNTIN

Deuteronomy 33 in the TNTIP

Deuteronomy 33 in the TNTIZ

Deuteronomy 33 in the TOMA

Deuteronomy 33 in the TTENT

Deuteronomy 33 in the UBG

Deuteronomy 33 in the UGV

Deuteronomy 33 in the UGV2

Deuteronomy 33 in the UGV3

Deuteronomy 33 in the VBL

Deuteronomy 33 in the VDCC

Deuteronomy 33 in the YALU

Deuteronomy 33 in the YAPE

Deuteronomy 33 in the YBVTP

Deuteronomy 33 in the ZBP