John 20 (BOATCB)

1 Kwasiada anɔpahema, Maria Magdalene sɔre kɔɔ da no so kɔhunuu sɛ obi apire ɛboɔ no afiri ɔboda no ano. 2 Ɔhunuu saa no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afiri ɛda no mu na mennim faako a wɔde no akɔto!” 3 Petro ne saa osuani yi tee asɛm no no, wɔtuu mmirika kɔɔ ɛda no so. 4 Nanso, saa osuani yi maa ne mmirika mu yɛɛ den twaa Petro ho kɔduruu hɔ kane. 5 Ɔduruu ɔboda no ano no, wanwura mu. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu hunuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no gu hɔ. 6 Simon Petro deɛ, ɔbɛduruu hɔ no, ɔwuraa ɔboda no mu. Ɔhunuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ ɛgu hɔ, 7 a nwera a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi. 8 Afei, osuani a ɔduruu ɔboda no ho kane no nso wuraa mu hunuu saa nneɛma no maa ɔgye diiɛ. 9 Saa ɛberɛ no nyinaa na asuafoɔ baanu yi nnya ntee deɛ Atwerɛsɛm aka afa Yesu wusɔreɛ ho no ase. 10 Afei, asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ efie. 11 Maria deɛ na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ɔgu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu, 12 na ɔhunuu ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ɔbaako te atifi na ɔbaako nso te anafoɔ wɔ faako a na Yesu amu no da no. 13 Wɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn na woresu sɛɛ yi?”Maria de awerɛhoɔ buaa sɛ, “Nnipa bi abɛfa mʼAwurade na mennim faako a wɔde no akɔto.” 14 Afei, ɔtwaa nʼani hwɛɛ nʼakyi na ɔhunuu sɛ na obi gyina hɔ a ɛyɛ Yesu, nanso na ɔnnim sɛ ɛyɛ ɔno. 15 Yesu bisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn enti na woresu sɛɛ yi? Hwan na worehwehwɛ no?”Na Maria deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ enti, ɔbisaa no sɛ, “Owura, sɛ wo na wofaa no firii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.” 16 Yesu frɛɛ no sɛ, “Maria!”Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ɔgyee so wɔ Hebri kasa mu sɛ, “Rabuni!” (a aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ”). 17 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsɔ me mu, ɛfiri sɛ, mennya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn; kɔka kyerɛ mʼasuafoɔ no sɛ, meresane akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Onyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Onyankopɔn no nkyɛn.” 18 Maria Magdalene firii hɔ kɔbɔɔ asuafoɔ no amaneɛ sɛ wahunu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn. 19 Saa ɛda no ara anwummerɛ a na ɛsiane Yudafoɔ mpanin no ho hu enti, asuafoɔ no ato wɔn ho ɛpono mu no, Yesu baa ɛdan no mu hɔ kyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” 20 Ɔkyeaa wɔn wieeɛ no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyee yie. 21 Yesu sane kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.” 22 Yei akyi, ɔhome guu wɔn so kaa sɛ, “Honhom Kronkron no mmra mo so. 23 Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.” 24 Ɛberɛ a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no nni hɔ bi. 25 Ɛberɛ a asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔahunu Awurade no!”Wannye anni kaa sɛ, “Sɛ manhunu ne nsam ne ne mfem twa no na mamfa me nsa anka a, merennye nni da.” 26 Nnawɔtwe akyi, asuafoɔ no sane hyiaeɛ bio a na Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔatoto apono no mu deɛ, nanso Yesu sane baa hɔ kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo!” 27 Afei, Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnyeɛ bio. Gye di!” 28 Toma de ahonuo kaa sɛ, “Wo ne mʼAwurade ne me Onyankopɔn!” 29 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahunu me no enti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wɔnhunuu me nanso wɔgye me di.” 30 Yesu yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree kyerɛɛ nʼasuafoɔ no a wɔantwerɛ wɔ saa nwoma yi mu. 31 Nanso, biribiara a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no, wɔatwerɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mogye no di a, mobɛnya nkwa.

In Other Versions

John 20 in the ANGEFD

John 20 in the ANTPNG2D

John 20 in the AS21

John 20 in the BAGH

John 20 in the BBPNG

John 20 in the BBT1E

John 20 in the BDS

John 20 in the BEV

John 20 in the BHAD

John 20 in the BIB

John 20 in the BLPT

John 20 in the BNT

John 20 in the BNTABOOT

John 20 in the BNTLV

John 20 in the BOATCB2

John 20 in the BOBCV

John 20 in the BOCNT

John 20 in the BOECS

John 20 in the BOGWICC

John 20 in the BOHCB

John 20 in the BOHCV

John 20 in the BOHLNT

John 20 in the BOHNTLTAL

John 20 in the BOICB

John 20 in the BOILNTAP

John 20 in the BOITCV

John 20 in the BOKCV

John 20 in the BOKCV2

John 20 in the BOKHWOG

John 20 in the BOKSSV

John 20 in the BOLCB

John 20 in the BOLCB2

John 20 in the BOMCV

John 20 in the BONAV

John 20 in the BONCB

John 20 in the BONLT

John 20 in the BONUT2

John 20 in the BOPLNT

John 20 in the BOSCB

John 20 in the BOSNC

John 20 in the BOTLNT

John 20 in the BOVCB

John 20 in the BOYCB

John 20 in the BPBB

John 20 in the BPH

John 20 in the BSB

John 20 in the CCB

John 20 in the CUV

John 20 in the CUVS

John 20 in the DBT

John 20 in the DGDNT

John 20 in the DHNT

John 20 in the DNT

John 20 in the ELBE

John 20 in the EMTV

John 20 in the ESV

John 20 in the FBV

John 20 in the FEB

John 20 in the GGMNT

John 20 in the GNT

John 20 in the HARY

John 20 in the HNT

John 20 in the IRVA

John 20 in the IRVB

John 20 in the IRVG

John 20 in the IRVH

John 20 in the IRVK

John 20 in the IRVM

John 20 in the IRVM2

John 20 in the IRVO

John 20 in the IRVP

John 20 in the IRVT

John 20 in the IRVT2

John 20 in the IRVU

John 20 in the ISVN

John 20 in the JSNT

John 20 in the KAPI

John 20 in the KBT1ETNIK

John 20 in the KBV

John 20 in the KJV

John 20 in the KNFD

John 20 in the LBA

John 20 in the LBLA

John 20 in the LNT

John 20 in the LSV

John 20 in the MAAL

John 20 in the MBV

John 20 in the MBV2

John 20 in the MHNT

John 20 in the MKNFD

John 20 in the MNG

John 20 in the MNT

John 20 in the MNT2

John 20 in the MRS1T

John 20 in the NAA

John 20 in the NASB

John 20 in the NBLA

John 20 in the NBS

John 20 in the NBVTP

John 20 in the NET2

John 20 in the NIV11

John 20 in the NNT

John 20 in the NNT2

John 20 in the NNT3

John 20 in the PDDPT

John 20 in the PFNT

John 20 in the RMNT

John 20 in the SBIAS

John 20 in the SBIBS

John 20 in the SBIBS2

John 20 in the SBICS

John 20 in the SBIDS

John 20 in the SBIGS

John 20 in the SBIHS

John 20 in the SBIIS

John 20 in the SBIIS2

John 20 in the SBIIS3

John 20 in the SBIKS

John 20 in the SBIKS2

John 20 in the SBIMS

John 20 in the SBIOS

John 20 in the SBIPS

John 20 in the SBISS

John 20 in the SBITS

John 20 in the SBITS2

John 20 in the SBITS3

John 20 in the SBITS4

John 20 in the SBIUS

John 20 in the SBIVS

John 20 in the SBT

John 20 in the SBT1E

John 20 in the SCHL

John 20 in the SNT

John 20 in the SUSU

John 20 in the SUSU2

John 20 in the SYNO

John 20 in the TBIAOTANT

John 20 in the TBT1E

John 20 in the TBT1E2

John 20 in the TFTIP

John 20 in the TFTU

John 20 in the TGNTATF3T

John 20 in the THAI

John 20 in the TNFD

John 20 in the TNT

John 20 in the TNTIK

John 20 in the TNTIL

John 20 in the TNTIN

John 20 in the TNTIP

John 20 in the TNTIZ

John 20 in the TOMA

John 20 in the TTENT

John 20 in the UBG

John 20 in the UGV

John 20 in the UGV2

John 20 in the UGV3

John 20 in the VBL

John 20 in the VDCC

John 20 in the YALU

John 20 in the YAPE

John 20 in the YBVTP

John 20 in the ZBP