Psalms 107 (BOATCB)

1 Monna AWURADE ase na ɔyɛ;na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. 2 Momma wɔn a AWURADE agye wɔn nka saa,wɔn a wagye wɔn afiri ɔtamfoɔ nsam no, 3 wɔn a ɔboaboaa wɔn ano firii nsase soɔ no,ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ, atifi kɔsi anafoɔ. 4 Ebinom kyinkyinii wɔ nsase paradada so,a wɔanhunu ɛkwan ankɔ kuropɔn no mu, baabi a wɔbɛtumi anya atenaeɛ. 5 Ɛkɔm ne sukɔm dee wɔnna wɔtotɔɔ baha. 6 Afei wɔsu frɛɛ AWURADE wɔ wɔn amanehunu mu,na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. 7 Ɔde wɔn faa ɛkwan tee sobaa kuropɔn a wɔtumi tena mu no mu. 8 Momma wɔnna AWURADE ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da hone nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. 9 Ɔma wɔn a sukɔm de wɔn nsuona ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma. 10 Ebinom tenaa esum ne awerɛhoɔ mu,nneduafoɔ a wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn, 11 ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm ho atuana wɔbuu Ɔsorosoroni no agyinatuo animtiaa. 12 Enti ɔgyaa wɔn maa adwuma den;wɔsuntisuntiiɛ na wɔannya ɔboafoɔ. 13 Afei, wɔsu frɛɛ AWURADE wɔ wɔn amanehunu mu,na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. 14 Ɔyii wɔn firii esum ne awerɛhoɔ muna ɔbubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. 15 Momma wɔnna AWURADE ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da hone nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. 16 Ɔbubu kɔbere mfrafraeɛ aponona ɔtwitwa nnadeban mu. 17 Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafoɔ, wɔn atuateɛ entina wɔhunuu amane, wɔn nnebɔne enti. 18 Wɔkyirii aduane nyinaana wɔtwe bɛnee owuo ɛpono ano. 19 Afei, wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn amanehunu muna ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. 20 Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yadeɛ;na ɔgyee wɔn firii ɛda mu. 21 Momma wɔnna AWURADE ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da hone nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. 22 Momma wɔmmɔ aseda afɔdeɛna wɔmfa ahurisie nnwom nka ne nnwuma ho asɛm. 23 Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ ɛpo so;wɔyɛ adwadifoɔ wɔ nsuo akɛseɛ so. 24 Wɔhunuu AWURADE nnwuma,nʼanwanwadeɛ a ɛwɔ ebunu mu. 25 Ɔkasaeɛ maa ahum tuina ɛkukuruu asorɔkye. 26 Wɔpagya kɔɔ sorosoro na wɔsiane kɔɔ ebunu mu tɔnn;wɔn amanehunu mu no wɔn bo tui. 27 Wɔkyim totɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ;na wɔnhunu deɛ wɔnnyɛ bio. 28 Afei, wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn amanehunu mu,na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. 29 Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn;ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase. 30 Wɔn ani gyeeɛ ɛberɛ a ɛyɛɛ dinn no,na ɔkyerɛɛ wɔn ɛkwan de wɔn kɔduruu gyinabea a wɔpɛ. 31 Momma wɔnna AWURADE ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da hone nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. 32 Wɔmma ne so wɔ asafo no muna wɔnkamfo no wɔ mpanimfoɔ nhyiamu ase. 33 Ɔdanee nsubɔntene maa no yɛɛ ɛserɛ,asutene yɛɛ asase wesee, 34 na asasebereɛ danee nkyenenkyene,wɔn a wɔte asase no so amumuyɛ enti. 35 Ɔdanee ɛserɛ so maa no yɛɛ nsuwansuwana nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ asutene ananmu; 36 Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɛkɔm de wɔn kɔsoɛe,na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu. 37 Wɔyɛɛ mfuo ne bobe nturona ɛmaa wɔn nnɔbaeɛ bebree. 38 Ɔhyiraa wɔn na wɔn ase dɔreeɛ.Wamma wɔn ayɛmmoa dodoɔ so anhwan. 39 Afei wɔn dodoɔ so hwaneeɛna nhyɛsoɔ, amanehunu ne awerɛhoɔ brɛɛ wɔn ase; 40 deɛ ɔbu aberempɔn animtiaa noma wɔkyinkyinii asase bonini a ɛkwan nni hɔ so. 41 Nanso, ɔpagyaa ahiafoɔ firii wɔn ahohia muna ɔmaa wɔn mmusua dɔree sɛ nnwankuo. 42 Ateneneefoɔ bɛhunu ama wɔn ani gye,nanso amumuyɛfoɔ nyinaa bɛmua wɔn ano. 43 Momma deɛ ɔyɛ onyansafoɔ no mmu yeinom,na ɔnnwene AWURADE adɔeɛ kɛseɛ no ho.

In Other Versions

Psalms 107 in the ANGEFD

Psalms 107 in the ANTPNG2D

Psalms 107 in the AS21

Psalms 107 in the BAGH

Psalms 107 in the BBPNG

Psalms 107 in the BBT1E

Psalms 107 in the BDS

Psalms 107 in the BEV

Psalms 107 in the BHAD

Psalms 107 in the BIB

Psalms 107 in the BLPT

Psalms 107 in the BNT

Psalms 107 in the BNTABOOT

Psalms 107 in the BNTLV

Psalms 107 in the BOATCB2

Psalms 107 in the BOBCV

Psalms 107 in the BOCNT

Psalms 107 in the BOECS

Psalms 107 in the BOGWICC

Psalms 107 in the BOHCB

Psalms 107 in the BOHCV

Psalms 107 in the BOHLNT

Psalms 107 in the BOHNTLTAL

Psalms 107 in the BOICB

Psalms 107 in the BOILNTAP

Psalms 107 in the BOITCV

Psalms 107 in the BOKCV

Psalms 107 in the BOKCV2

Psalms 107 in the BOKHWOG

Psalms 107 in the BOKSSV

Psalms 107 in the BOLCB

Psalms 107 in the BOLCB2

Psalms 107 in the BOMCV

Psalms 107 in the BONAV

Psalms 107 in the BONCB

Psalms 107 in the BONLT

Psalms 107 in the BONUT2

Psalms 107 in the BOPLNT

Psalms 107 in the BOSCB

Psalms 107 in the BOSNC

Psalms 107 in the BOTLNT

Psalms 107 in the BOVCB

Psalms 107 in the BOYCB

Psalms 107 in the BPBB

Psalms 107 in the BPH

Psalms 107 in the BSB

Psalms 107 in the CCB

Psalms 107 in the CUV

Psalms 107 in the CUVS

Psalms 107 in the DBT

Psalms 107 in the DGDNT

Psalms 107 in the DHNT

Psalms 107 in the DNT

Psalms 107 in the ELBE

Psalms 107 in the EMTV

Psalms 107 in the ESV

Psalms 107 in the FBV

Psalms 107 in the FEB

Psalms 107 in the GGMNT

Psalms 107 in the GNT

Psalms 107 in the HARY

Psalms 107 in the HNT

Psalms 107 in the IRVA

Psalms 107 in the IRVB

Psalms 107 in the IRVG

Psalms 107 in the IRVH

Psalms 107 in the IRVK

Psalms 107 in the IRVM

Psalms 107 in the IRVM2

Psalms 107 in the IRVO

Psalms 107 in the IRVP

Psalms 107 in the IRVT

Psalms 107 in the IRVT2

Psalms 107 in the IRVU

Psalms 107 in the ISVN

Psalms 107 in the JSNT

Psalms 107 in the KAPI

Psalms 107 in the KBT1ETNIK

Psalms 107 in the KBV

Psalms 107 in the KJV

Psalms 107 in the KNFD

Psalms 107 in the LBA

Psalms 107 in the LBLA

Psalms 107 in the LNT

Psalms 107 in the LSV

Psalms 107 in the MAAL

Psalms 107 in the MBV

Psalms 107 in the MBV2

Psalms 107 in the MHNT

Psalms 107 in the MKNFD

Psalms 107 in the MNG

Psalms 107 in the MNT

Psalms 107 in the MNT2

Psalms 107 in the MRS1T

Psalms 107 in the NAA

Psalms 107 in the NASB

Psalms 107 in the NBLA

Psalms 107 in the NBS

Psalms 107 in the NBVTP

Psalms 107 in the NET2

Psalms 107 in the NIV11

Psalms 107 in the NNT

Psalms 107 in the NNT2

Psalms 107 in the NNT3

Psalms 107 in the PDDPT

Psalms 107 in the PFNT

Psalms 107 in the RMNT

Psalms 107 in the SBIAS

Psalms 107 in the SBIBS

Psalms 107 in the SBIBS2

Psalms 107 in the SBICS

Psalms 107 in the SBIDS

Psalms 107 in the SBIGS

Psalms 107 in the SBIHS

Psalms 107 in the SBIIS

Psalms 107 in the SBIIS2

Psalms 107 in the SBIIS3

Psalms 107 in the SBIKS

Psalms 107 in the SBIKS2

Psalms 107 in the SBIMS

Psalms 107 in the SBIOS

Psalms 107 in the SBIPS

Psalms 107 in the SBISS

Psalms 107 in the SBITS

Psalms 107 in the SBITS2

Psalms 107 in the SBITS3

Psalms 107 in the SBITS4

Psalms 107 in the SBIUS

Psalms 107 in the SBIVS

Psalms 107 in the SBT

Psalms 107 in the SBT1E

Psalms 107 in the SCHL

Psalms 107 in the SNT

Psalms 107 in the SUSU

Psalms 107 in the SUSU2

Psalms 107 in the SYNO

Psalms 107 in the TBIAOTANT

Psalms 107 in the TBT1E

Psalms 107 in the TBT1E2

Psalms 107 in the TFTIP

Psalms 107 in the TFTU

Psalms 107 in the TGNTATF3T

Psalms 107 in the THAI

Psalms 107 in the TNFD

Psalms 107 in the TNT

Psalms 107 in the TNTIK

Psalms 107 in the TNTIL

Psalms 107 in the TNTIN

Psalms 107 in the TNTIP

Psalms 107 in the TNTIZ

Psalms 107 in the TOMA

Psalms 107 in the TTENT

Psalms 107 in the UBG

Psalms 107 in the UGV

Psalms 107 in the UGV2

Psalms 107 in the UGV3

Psalms 107 in the VBL

Psalms 107 in the VDCC

Psalms 107 in the YALU

Psalms 107 in the YAPE

Psalms 107 in the YBVTP

Psalms 107 in the ZBP