Isaiah 66 (BOATCB2)
1 Sɛɛ na AWURADE se:“Ɔsoro yɛ mʼahengua,na asase yɛ me nan ntiaso.Ofi a wubesi ama me no wɔ he?Ɛhe na ɛbɛyɛ me homebea? 2 Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa,na ɛma ɛbae ana?” AWURADE na ose. “Obi a mʼani sɔ no ni:nea ɔwɔ ahobrɛase ne ahonu honhom,na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho. 3 Nanso obi a ɔde nantwinini bɔ afɔre nosaa onipa no ara kum nnipa,na nea ɔma oguamma no,saa onipa no ara bu ɔkraman kɔn mu;nea ɔbɔ aduan afɔre nosaa onipa no ara de prako mogya bɔ afɔre,nea ɔhyew nnuhuam a ɛwɔ din nosaa onipa no ara som ɔbosom.Wɔafa wɔn ankasa akwanna wɔn akra ani gye wɔn akyiwade ho; 4 enti me nso mɛpɛ ayayade ayɛ wɔnna mede nea wosuro bɛba wɔn so.Efisɛ mefrɛe no, obiara annye so,mekasae no, obiara antie.Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani sona wɔyɛɛ nea mempɛ.” 5 Muntie AWURADE asɛm,mo a mote nʼasɛm a mo ho popo:“Mo nuanom mmarima a wɔtan mo,na me din nti wotwa mo gyaw no, aka se,‘Momma wɔnhyɛ AWURADE anuonyam,na yɛahu mo anigye!’Nanso wɔn anim begu ase. 6 Muntie huuyɛ a efi kuropɔn no mu,muntie gyegyeegye a efi asɔredan no mu!Ɛyɛ AWURADE nnyigyeia ɔde retua nʼatamfo ka sɛnea ɛfata wɔn. 7 “Ansa na ɔbea bɛkyem no,ɔwo;ansa na ɔbɛte awoyaw noɔwo ɔbabarima. 8 Hena na wate biribi sɛɛ ho asɛm pɛn?Hena na wahu biribi sɛɛ pɛn?Wobetumi de da koro akyekyere ɔmansin,anaa ɔman mu, bere sin bi mu ana?Nanso awo ka Sion ara pɛ aɔwo ne mma. 9 Mede obi bedu awoko ano amemma no nwo ana?” Sɛnea AWURADE se ni.“Misiw awotwaa anobere a awo adu so ana?” Wo Nyankopɔn na ose. 10 Mo ne Yerusalem ani nnye na munni ahurusi mma no,mo a modɔ no nyinaa;mo ne no nsɛpɛw mo ho yiye,mo a mudi ne ho awerɛhow nyinaa. 11 Mubenum nʼawerɛkyekye nufuno amee;mobɛnom aboro sona mo ani begye nea abu so atra so no ho. 12 Na sɛɛ na AWURADE se:“Mede asomdwoe bɛma no sɛ asubɔnten,ne amanaman no ahonya nso sɛ asuten a ayiri.Mubenum na waturu mo wɔ ne basa sona obegyigye mo agoru wɔ nʼanankoroma so. 13 Sɛnea ɛna kyekye ne ba werɛ nosaa ara na mɛkyekye mo werɛ;na mubenya awerɛkyekye wɔ Yerusalem.” 14 Sɛ muhu eyi a, mo koma ani begyena mobɛyɛ frɔmfrɔm sɛ sare;wobehu AWURADE nsa wɔ ne nkoa so,nanso wobehu nʼabufuwhyew wɔ nʼatamfo so. 15 Hwɛ, AWURADE de ogya reba,na ne nteaseɛnam te sɛ mfɛtɛ;ɔde nʼabufuw bɛba wɔ anibere so,na ɔde gyaframa ayɛ nʼanimka. 16 Ogya ne nʼafoa,na AWURADE de bebu nnipa nyinaa atɛn,na wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ AWURADE nsa ano bɛyɛ bebree. 17 “Wɔn a wɔtew wɔn ho na wodwira wɔn ho de kɔ nturo mu, na wodi ɔbaako a ɔfra wɔn a wɔwe mprakonam ne akisi ne nneɛma a ɛyɛ akyiwade akyi no, wɔbɛbɔ mu ahu wɔn awiei,” sɛnea AWURADE se ni. 18 “Esiane wɔn nneyɛe ne wɔn nsusuwii nti, Me, mereba abɛboaboa amanaman ne ɔkasa ahorow ano, na wɔbɛba abehu mʼanuonyam. 19 “Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnne bi wɔ wɔn mu, na mede nkae no mu bi bɛkɔ amanaman no mu: Tarsis, Libiafo ne Lidiafo (wɔn a wɔagye din wɔ agyantow mu), Tubal ne Helafo, ne asupɔw a ɛwɔ akyirikyiri a wɔntee me din a ahyeta na wonhuu mʼanuonyam no. Wɔbɛpae mu aka mʼanuonyam wɔ amanaman mu. 20 Na wɔde mo nuabarimanom nyinaa befi amanaman nyinaa so bɛba me bepɔw kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so sɛ, afɔrebɔde ama AWURADE. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so bɛba,” sɛɛ na AWURADE se. “Wɔde wɔn bɛba sɛnea Israelfo de wɔn aduan afɔre kɔ AWURADE asɔredan mu, wɔ afahyɛ nkuruwa a ho tew mu. 21 Na meyi wɔn mu bi ayɛ asɔfo ne Lewifo,” AWURADE, na ose! 22 “Sɛnea ɔsorosoro foforo ne asase foforo bɛtena hɔ no, saa ara na mo din ne mo asefo bɛtena hɔ,” sɛnea AWURADE se ni. 23 “Efi Ɔsram Foforo baako kɔpem foforo, efi Homeda baako kosi foforo no, adesamma nyinaa bɛba abɛkotow me,” sɛnea AWURADE se ni. 24 “Na wobefi adi akohu wɔn a wɔtew atua tiaa me no afunu; wɔn asunson renwu, na wɔn gya nso rennum, na wɔn ho bɛyɛ adesamma nyinaa nwini.”