Revelation 18 (BOATCB)

1 Yei akyi, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na nʼanimuonyam hyerɛn asase so nyinaa. 2 Ɔteaam dendeenden sɛ,“ ‘Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase!’Adane ahonhommɔne tenaberɛne ahonhom efi nyinaa atɛeɛ.Nnomaa a wɔyɛ efi a wɔkyiri wɔn nyinaa te ne mu. 3 Ɔde ne nsã a ɛyɛ nʼadwamammɔ aano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomeeɛ.Asase so ahene ne no bɔɔ adwaman,na asase so adwadifoɔ nam nʼahonya mmorosoɔ so nyaa wɔn ho.” 4 Afei, metee nne foforɔ bi a ɛfiri ɔsoro ka sɛ,“Momfiri, me nkurɔfoɔ,na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu,na mo ne no ankyɛre nʼasotweɛ! 5 Ɛfiri sɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne atoatoa abɛduru soro,na Onyankopɔn akae nʼawudie no. 6 Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ;deɛ ɔyɛɛ mo biara no, montua ne so ka mprenu.Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no deɛ ano yɛ den mmɔho mmienu. 7 Momma nʼayayadeɛ ne nʼawerɛhoɔ nnɔɔsosɛ animuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no.Ɛfiri sɛ, daa ɔka sɛ,‘Mete ha sɛ ɔhemmaa;menyɛ okunafoɔ,na me werɛ renho da!’ 8 Yei enti, nʼamanehunu a ɛyɛ yadeɛawerɛhoɔ ne ɛkɔm bɛba ne so da bi.Na wɔde ogya ahye no,ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ kɛseɛ. 9 “Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ. 10 Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ enti, wɔbɛgyina akyiri asu sɛ,“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ,Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi!Dɔnhwere baako pɛ mu, wʼatemmuo aba.’ 11 “Adwadifoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri sɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. 12 Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden aboɔ ne nhweneɛ pa, ne nwera pa ne ntoma afasebire ne serekye ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ hwam nyinaa ne asonse adwinneɛ nyinaa, ne adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɛ, ne ayowaa ne dadeɛ ne abohemaa, 13 ne pɛperɛ ne mmorɔngo, ne nnuhwam ne kurobo, ne hwamfufuo ne nsã ne ngo, ne asikyiresiam muhumuhu ne ayuo, ne nyɛmmoa ne nnwan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra. 14 “Adwadifoɔ no bɛka sɛ, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛeɛ no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanimuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’ 15 Adwadifoɔ a wɔnyaa wɔn ho wɔ kuro no mu no bɛgyina akyirikyiri ɛfiri sɛ, wɔsuro amanehunu a ɔrehunu no. Wɔbɛsu na wɔatwa agyaadwoɔ, 16 na wɔaka sɛ:“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ aɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne tam kɔkɔɔ,na sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa bobɔ mu. 17 Dɔnhwere pɛ, na saa ahonya dodoɔ yi asɛe.’“Ahyɛnkafoɔ panin ne ɛhyɛn no mu nnipa, ne ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ, ne wɔn a wɔka ho a wɔnya wɔn anoduane firi ɛhyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri. 18 Wɔsuiɛ wɔ ɛberɛ a wɔhunuu ogya a ɛrehyeɛ no wisie no, wɔteam ka sɛ ‘Kuropɔn biara a ne kɛseɛ te sɛi mmaa da.’ ” 19 Wɔtoo mfuturo guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ sɛ,“ ‘Due! Due Ao kuropɔn kɛseɛ,wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu nonam wʼahonya so yɛɛ adefoɔ.Na dɔnhwereɛ baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!’ 20 “Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro!Ahotefoɔ ne asomafoɔ neadiyifoɔ mo ani nnye!Ɛkwan a ɔde mo faa so enti,Onyankopɔn abu no atɛn.” 21 Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa sɛ,“Saa ahoɔden yi arana wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene,a wɔrenhunu no bio. 22 Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu.Wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio.Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wɔ wo mu bio. 23 Kanea hannrenhyerɛn wɔ wo mu bio.Wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔyerenne wɔ wo mu bio.Wʼadwadifoɔ yɛ ewiase mu nnipa titire.Na wɔde wo ntafowayie adaadaa aman nyinaa. 24 Wɔ ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔne wɔn a wɔkumm wɔn asase so nyinaa mogya.”

In Other Versions

Revelation 18 in the ANGEFD

Revelation 18 in the ANTPNG2D

Revelation 18 in the AS21

Revelation 18 in the BAGH

Revelation 18 in the BBPNG

Revelation 18 in the BBT1E

Revelation 18 in the BDS

Revelation 18 in the BEV

Revelation 18 in the BHAD

Revelation 18 in the BIB

Revelation 18 in the BLPT

Revelation 18 in the BNT

Revelation 18 in the BNTABOOT

Revelation 18 in the BNTLV

Revelation 18 in the BOATCB2

Revelation 18 in the BOBCV

Revelation 18 in the BOCNT

Revelation 18 in the BOECS

Revelation 18 in the BOGWICC

Revelation 18 in the BOHCB

Revelation 18 in the BOHCV

Revelation 18 in the BOHLNT

Revelation 18 in the BOHNTLTAL

Revelation 18 in the BOICB

Revelation 18 in the BOILNTAP

Revelation 18 in the BOITCV

Revelation 18 in the BOKCV

Revelation 18 in the BOKCV2

Revelation 18 in the BOKHWOG

Revelation 18 in the BOKSSV

Revelation 18 in the BOLCB

Revelation 18 in the BOLCB2

Revelation 18 in the BOMCV

Revelation 18 in the BONAV

Revelation 18 in the BONCB

Revelation 18 in the BONLT

Revelation 18 in the BONUT2

Revelation 18 in the BOPLNT

Revelation 18 in the BOSCB

Revelation 18 in the BOSNC

Revelation 18 in the BOTLNT

Revelation 18 in the BOVCB

Revelation 18 in the BOYCB

Revelation 18 in the BPBB

Revelation 18 in the BPH

Revelation 18 in the BSB

Revelation 18 in the CCB

Revelation 18 in the CUV

Revelation 18 in the CUVS

Revelation 18 in the DBT

Revelation 18 in the DGDNT

Revelation 18 in the DHNT

Revelation 18 in the DNT

Revelation 18 in the ELBE

Revelation 18 in the EMTV

Revelation 18 in the ESV

Revelation 18 in the FBV

Revelation 18 in the FEB

Revelation 18 in the GGMNT

Revelation 18 in the GNT

Revelation 18 in the HARY

Revelation 18 in the HNT

Revelation 18 in the IRVA

Revelation 18 in the IRVB

Revelation 18 in the IRVG

Revelation 18 in the IRVH

Revelation 18 in the IRVK

Revelation 18 in the IRVM

Revelation 18 in the IRVM2

Revelation 18 in the IRVO

Revelation 18 in the IRVP

Revelation 18 in the IRVT

Revelation 18 in the IRVT2

Revelation 18 in the IRVU

Revelation 18 in the ISVN

Revelation 18 in the JSNT

Revelation 18 in the KAPI

Revelation 18 in the KBT1ETNIK

Revelation 18 in the KBV

Revelation 18 in the KJV

Revelation 18 in the KNFD

Revelation 18 in the LBA

Revelation 18 in the LBLA

Revelation 18 in the LNT

Revelation 18 in the LSV

Revelation 18 in the MAAL

Revelation 18 in the MBV

Revelation 18 in the MBV2

Revelation 18 in the MHNT

Revelation 18 in the MKNFD

Revelation 18 in the MNG

Revelation 18 in the MNT

Revelation 18 in the MNT2

Revelation 18 in the MRS1T

Revelation 18 in the NAA

Revelation 18 in the NASB

Revelation 18 in the NBLA

Revelation 18 in the NBS

Revelation 18 in the NBVTP

Revelation 18 in the NET2

Revelation 18 in the NIV11

Revelation 18 in the NNT

Revelation 18 in the NNT2

Revelation 18 in the NNT3

Revelation 18 in the PDDPT

Revelation 18 in the PFNT

Revelation 18 in the RMNT

Revelation 18 in the SBIAS

Revelation 18 in the SBIBS

Revelation 18 in the SBIBS2

Revelation 18 in the SBICS

Revelation 18 in the SBIDS

Revelation 18 in the SBIGS

Revelation 18 in the SBIHS

Revelation 18 in the SBIIS

Revelation 18 in the SBIIS2

Revelation 18 in the SBIIS3

Revelation 18 in the SBIKS

Revelation 18 in the SBIKS2

Revelation 18 in the SBIMS

Revelation 18 in the SBIOS

Revelation 18 in the SBIPS

Revelation 18 in the SBISS

Revelation 18 in the SBITS

Revelation 18 in the SBITS2

Revelation 18 in the SBITS3

Revelation 18 in the SBITS4

Revelation 18 in the SBIUS

Revelation 18 in the SBIVS

Revelation 18 in the SBT

Revelation 18 in the SBT1E

Revelation 18 in the SCHL

Revelation 18 in the SNT

Revelation 18 in the SUSU

Revelation 18 in the SUSU2

Revelation 18 in the SYNO

Revelation 18 in the TBIAOTANT

Revelation 18 in the TBT1E

Revelation 18 in the TBT1E2

Revelation 18 in the TFTIP

Revelation 18 in the TFTU

Revelation 18 in the TGNTATF3T

Revelation 18 in the THAI

Revelation 18 in the TNFD

Revelation 18 in the TNT

Revelation 18 in the TNTIK

Revelation 18 in the TNTIL

Revelation 18 in the TNTIN

Revelation 18 in the TNTIP

Revelation 18 in the TNTIZ

Revelation 18 in the TOMA

Revelation 18 in the TTENT

Revelation 18 in the UBG

Revelation 18 in the UGV

Revelation 18 in the UGV2

Revelation 18 in the UGV3

Revelation 18 in the VBL

Revelation 18 in the VDCC

Revelation 18 in the YALU

Revelation 18 in the YAPE

Revelation 18 in the YBVTP

Revelation 18 in the ZBP