Revelation 18 (BOATCB2)

1 Eyi akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛse na nʼanuonyam hyerɛn wɔ asase so nyinaa. 2 Ɔteɛɛ mu denneennen se,“ ‘Wahwe ase! Babilonia Kokuroko ahwe ase!’Adan ahonhommɔne tenabeane ahonhom fi nyinaa ahintawee.Nnomaafi a wokyi wɔn nyinaa te ne mu. 3 Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼaguamammɔ aano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee.Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman,na asase so adwumayɛfo nam nʼahonya mmoroso so nyaa wɔn ho.” 4 Afei metee sɛ nne foforo bi a efi ɔsoro reka se,“Mumfi, me nkurɔfo,na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu,na mo ne no ankyɛ nʼasotwe! 5 Efisɛ wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten,na Onyankopɔn akae nʼawudi no. 6 Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ;nea ɔyɛɛ mo biara no, muntua ne so ka mprenu.Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no nea ano yɛ den mmɔho abien. 7 Momma nʼayayade ne nʼawerɛhow nnɔɔsosɛ anuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no.Efisɛ daa ɔka se,‘Mete ha sɛ ɔhemmea;menyɛ okunafo,na me werɛ renhow da!’ 8 Eyi nti, nʼamanehunu a ɛyɛ ɔyare,awerɛhow ne ɔkɔm bɛba ne so da bi.Na wɔde ogya ahyew no,efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔkɛse. 9 “Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no hu hye a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu atwa agyaadwo. 10 Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se,“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn,Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi!Wʼatemmu aba dɔnhwerew baako pɛ mu.’ 11 “Aguadifo a wɔwɔ asase so nso su no, efisɛ obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. 12 Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, aboɔden abo ne nhene pa, nwera pa ne ɔtamkɔkɔɔ ne sirikyi ne tamkɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asonse adwinne nyinaa, adwinne a wɔde nnua a ne bo yɛ den ayɛ, asanka ne dade ne abohemaa, 13 ne pɛprɛ ne mmorɔngo, nnuhuam ne kurobow, huamfufu ne nsa ne ngo, asikresiam muhumuhu ne awi, nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra. 14 “Aguadifo no bɛka se, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’ 15 Aguadifo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ wosuro amane a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo, 16 na wɔaka se:“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn aofura nwera pa ne tamkɔkɔɔna sika ne aboɔdenmmo a nhene pa bobɔ mu. 17 Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asɛe.’ “Hyɛn mu sahene ne hyɛn no mu nnipa, mu adwumayɛfo ne wɔn a wɔka ho a wonya wɔn anoduan fi hyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri. 18 Wosui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no wusiw no, wɔteɛɛ mu kae se ‘Kuropɔn biara a ne kɛse te sɛɛ mmaa da.’ ” 19 Wɔbɛtow mfutuma agu wɔn atifi na wɔasu, atwa agyaadwo se,“ ‘Due! Due, wo kuropɔn,wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu nonam wʼahonya so yɛɛ adefo.Na dɔnhwerew baako pɛ mu, woahwere biribiara!’ 20 “Momma mo ani nnye wɔ ne ho, mo ɔsorofo!Momma mo ani nnye,Onyankopɔn nnipa!Momma mo ani nnye, asomafo ne adiyifo!Efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn.” 21 Afei, ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ awiyammo tow kyenee po mu kae se,“Saa ahoɔden yi arana wɔde bɛtow Babilonia kuropɔn no akyene,a wɔrenhu no bio. 22 Wɔrente sankubɔfo ne nnwontofo, atɛntɛbɛnhyɛnfo ne torobɛntohyɛnfo nka wɔ mu bio.Wɔrenhu odwumfo biara wɔ wo mu bio.Na wɔrente owiyamfo biara nka wɔ wo mu bio. 23 Kanea hannrenhyerɛn wɔ wo mu bio.Wɔrente ayeforokunu ne ayeforonne wɔ wo mu bio.Wʼaguadifo yɛ wiase mu nnipa atitiriw.Na wɔde wo ntafowayi adaadaa aman nyinaa. 24 Ne mu na wohuu adiyifo ne ahotefone wɔn a wokum wɔn wɔ asase so no nyinaa mogya.”

In Other Versions

Revelation 18 in the ANGEFD

Revelation 18 in the ANTPNG2D

Revelation 18 in the AS21

Revelation 18 in the BAGH

Revelation 18 in the BBPNG

Revelation 18 in the BBT1E

Revelation 18 in the BDS

Revelation 18 in the BEV

Revelation 18 in the BHAD

Revelation 18 in the BIB

Revelation 18 in the BLPT

Revelation 18 in the BNT

Revelation 18 in the BNTABOOT

Revelation 18 in the BNTLV

Revelation 18 in the BOATCB

Revelation 18 in the BOBCV

Revelation 18 in the BOCNT

Revelation 18 in the BOECS

Revelation 18 in the BOGWICC

Revelation 18 in the BOHCB

Revelation 18 in the BOHCV

Revelation 18 in the BOHLNT

Revelation 18 in the BOHNTLTAL

Revelation 18 in the BOICB

Revelation 18 in the BOILNTAP

Revelation 18 in the BOITCV

Revelation 18 in the BOKCV

Revelation 18 in the BOKCV2

Revelation 18 in the BOKHWOG

Revelation 18 in the BOKSSV

Revelation 18 in the BOLCB

Revelation 18 in the BOLCB2

Revelation 18 in the BOMCV

Revelation 18 in the BONAV

Revelation 18 in the BONCB

Revelation 18 in the BONLT

Revelation 18 in the BONUT2

Revelation 18 in the BOPLNT

Revelation 18 in the BOSCB

Revelation 18 in the BOSNC

Revelation 18 in the BOTLNT

Revelation 18 in the BOVCB

Revelation 18 in the BOYCB

Revelation 18 in the BPBB

Revelation 18 in the BPH

Revelation 18 in the BSB

Revelation 18 in the CCB

Revelation 18 in the CUV

Revelation 18 in the CUVS

Revelation 18 in the DBT

Revelation 18 in the DGDNT

Revelation 18 in the DHNT

Revelation 18 in the DNT

Revelation 18 in the ELBE

Revelation 18 in the EMTV

Revelation 18 in the ESV

Revelation 18 in the FBV

Revelation 18 in the FEB

Revelation 18 in the GGMNT

Revelation 18 in the GNT

Revelation 18 in the HARY

Revelation 18 in the HNT

Revelation 18 in the IRVA

Revelation 18 in the IRVB

Revelation 18 in the IRVG

Revelation 18 in the IRVH

Revelation 18 in the IRVK

Revelation 18 in the IRVM

Revelation 18 in the IRVM2

Revelation 18 in the IRVO

Revelation 18 in the IRVP

Revelation 18 in the IRVT

Revelation 18 in the IRVT2

Revelation 18 in the IRVU

Revelation 18 in the ISVN

Revelation 18 in the JSNT

Revelation 18 in the KAPI

Revelation 18 in the KBT1ETNIK

Revelation 18 in the KBV

Revelation 18 in the KJV

Revelation 18 in the KNFD

Revelation 18 in the LBA

Revelation 18 in the LBLA

Revelation 18 in the LNT

Revelation 18 in the LSV

Revelation 18 in the MAAL

Revelation 18 in the MBV

Revelation 18 in the MBV2

Revelation 18 in the MHNT

Revelation 18 in the MKNFD

Revelation 18 in the MNG

Revelation 18 in the MNT

Revelation 18 in the MNT2

Revelation 18 in the MRS1T

Revelation 18 in the NAA

Revelation 18 in the NASB

Revelation 18 in the NBLA

Revelation 18 in the NBS

Revelation 18 in the NBVTP

Revelation 18 in the NET2

Revelation 18 in the NIV11

Revelation 18 in the NNT

Revelation 18 in the NNT2

Revelation 18 in the NNT3

Revelation 18 in the PDDPT

Revelation 18 in the PFNT

Revelation 18 in the RMNT

Revelation 18 in the SBIAS

Revelation 18 in the SBIBS

Revelation 18 in the SBIBS2

Revelation 18 in the SBICS

Revelation 18 in the SBIDS

Revelation 18 in the SBIGS

Revelation 18 in the SBIHS

Revelation 18 in the SBIIS

Revelation 18 in the SBIIS2

Revelation 18 in the SBIIS3

Revelation 18 in the SBIKS

Revelation 18 in the SBIKS2

Revelation 18 in the SBIMS

Revelation 18 in the SBIOS

Revelation 18 in the SBIPS

Revelation 18 in the SBISS

Revelation 18 in the SBITS

Revelation 18 in the SBITS2

Revelation 18 in the SBITS3

Revelation 18 in the SBITS4

Revelation 18 in the SBIUS

Revelation 18 in the SBIVS

Revelation 18 in the SBT

Revelation 18 in the SBT1E

Revelation 18 in the SCHL

Revelation 18 in the SNT

Revelation 18 in the SUSU

Revelation 18 in the SUSU2

Revelation 18 in the SYNO

Revelation 18 in the TBIAOTANT

Revelation 18 in the TBT1E

Revelation 18 in the TBT1E2

Revelation 18 in the TFTIP

Revelation 18 in the TFTU

Revelation 18 in the TGNTATF3T

Revelation 18 in the THAI

Revelation 18 in the TNFD

Revelation 18 in the TNT

Revelation 18 in the TNTIK

Revelation 18 in the TNTIL

Revelation 18 in the TNTIN

Revelation 18 in the TNTIP

Revelation 18 in the TNTIZ

Revelation 18 in the TOMA

Revelation 18 in the TTENT

Revelation 18 in the UBG

Revelation 18 in the UGV

Revelation 18 in the UGV2

Revelation 18 in the UGV3

Revelation 18 in the VBL

Revelation 18 in the VDCC

Revelation 18 in the YALU

Revelation 18 in the YAPE

Revelation 18 in the YBVTP

Revelation 18 in the ZBP